Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 16 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 They brought the ark of our Father and set it inside the tent that David had pitched for it, and they offered burnt offerings and peace offerings before our Father. Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim.
2 When David had finished offering the burnt offerings and peace offerings, he blessed the people in the name of our Father. Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu.
3 And he distributed to every Israelite, both men and women, a loaf of bread, a date cake, and a raisin cake. Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.
4 He appointed some of the Levites to minister before the ark of our Father, to invoke, to give thanks, and to praise our Father. Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
5 Asaph was the chief, and second to him were Zechariah, then Jeiel, Shemiramoth, Jehiel, Mattithiah, Eliab, Benaiah, Obed-edom, and Jeiel, with harps and lyres; and Asaph sounded the cymbals. Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
6 Benaiah and Jahaziel the priests were to blow the trumpets regularly before the ark of the covenant of our Father. Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
7 On that day David first appointed Asaph and his brothers to give thanks to our Father: Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:
8 Give thanks to our Father; call upon his name; proclaim his deeds among the peoples! Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
9 Sing to him; sing praises to him; tell of all his wondrous works! Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; monka nʼanwonwade no nyinaa.
10 Exult in his holy name; let the hearts of those who seek our Father rejoice! Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.
11 Seek our Father and his strength; seek his presence continually! Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
12 Remember the wondrous works that he has done, his miracles and the judgments he pronounced. Monkae anwonwade a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.
13 You children of Israel his servant, you sons of Jacob, his chosen ones! Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo, Yakob mma a wapaw wɔn.
14 He is our Father; his judgments are in all the earth. Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn; nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.
15 Remember his covenant forever, the word he commanded for 1,000 generations, Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.
16 the covenant he made with Abraham, his sworn oath to Isaac, Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
17 which he confirmed to Jacob as a statute, to Israel as an everlasting covenant, Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
18 saying, "To you I will give the land of Canaan as your allotted inheritance." “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”
19 When you were few in number, of little importance, and strangers in the land, Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
20 wandering from nation to nation, from one kingdom to another people, Wofii aman so kɔɔ aman so, fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
21 he allowed no one to oppress them; he rebuked kings on their account, Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;
22 "Do not touch my anointed ones, and do my prophets no harm!" “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo, na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”
23 Sing to our Father, all the earth! Proclaim his salvation day after day. Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade! Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.
24 Publish his glorious deeds among the nations; tell every people the amazing things he has done! Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu. Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
25 For great is our Father, and most worthy of praise; he is to be feared above all gods. Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no! Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
26 For all the gods of the peoples are idols, but our Father made the heavens. Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
27 Splendor and majesty are before him; strength and joy are in his dwelling. Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.
28 Ascribe to our Father, all families of the peoples, ascribe to our Father glory and strength! Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
29 Ascribe to our Father the glory due his name; bring an offering and come before him! Worship our Father in the splendor of holiness. Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade! Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
30 Tremble before him, all the earth! Indeed, the world is firmly established; it will never be moved. Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.
31 Let the heavens be glad, and let the earth rejoice, and let them say among the nations, "Our Father reigns!" Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.
32 Let the sea roar, and all that fills it; let the fields exult, and everything in them! Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no. Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.
33 Then the trees of the forest will sing for joy before our Father, for he comes to judge the earth. Momma kwae nnua nnyigyei nyɛ ayeyi Awurade anim! Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.
34 Give thanks to our Father, for he is good; for his covenant love endures forever! Monna Awurade ase, efisɛ oye na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
35 Say also: "Save us, our Father; gather us and rescue us from among the nations, that we may give thanks to your holy name and exult in your praise." Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurusi akamfo wo.”
36 Blessed be our Father, from everlasting to everlasting! Then all the people said, "Amen!" and praised our Father. Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
37 So David left Asaph and his brothers there before the ark of the covenant of our Father, to minister regularly before the ark as each day required, Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara.
38 and Obed-edom with his sixty-eight brothers; Obed-edom son of Jeduthun and Hosah were to be gatekeepers. Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.
39 And Zadok the priest and his fellow priests served before the tabernacle of our Father at the high place that was at Gibeon, Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ.
40 to offer burnt offerings to our Father on the altar of burnt offering regularly, morning and evening, according to all that is written in the law of our Father, which he commanded Israel. Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
41 With them were Heman and Jeduthun and the rest of those chosen and designated by name to give thanks to our Father, for his covenant love endures forever. Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.”
42 Heman and Jeduthun had with them trumpets and cymbals to sound, and instruments for the sacred songs of our Father. The sons of Jeduthun were stationed at the gate. Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.
43 Then all the people departed, each to his home, and David turned to bless his own household. Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]