Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 11 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then all Israel gathered to David at Hebron, saying, "Look, we are your bone and flesh. Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.
2 Even before, while Saul was king, you led Israel out and back. Your Father told you, 'You will shepherd my people Israel; you will be ruler over my people Israel.'" Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ”
3 All Israel's elders came to the king at Hebron, and David made a covenant with them at Hebron before our Father. Then they anointed David king over Israel, as our Father had said through Samuel. Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
4 David and all Israel went to Jerusalem (that is, Jebus), where the Jebusites, its residents, lived. Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree.
5 Jebus's people told David, "You won't enter here." But David took the stronghold of Zion—the city of David. Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
6 David said, "Whoever strikes the Jebusites first becomes head and commander." Joab son of Zeruiah went up first and became head. Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
7 David then settled in the stronghold; that is why it was called the city of David. Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no.
8 He built the city all around, from the Millo to the encircling wall, while Joab restored the rest of the city. Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no.
9 And David became more and more powerful, for the Father of heaven's armies was with him. Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.
10 These are the chiefs of David's mighty men, who gave him strong support in his kingdom, with all Israel, to make him king, by our Father's word concerning Israel. Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
11 This is the list of David's mighty men: Jashobeam, a Hachmonite, head of the Three, used his spear to kill 300 men in a single encounter. Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.
12 After him, Eleazar son of Dodo the Ahohite, one of the three mighty warriors. Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni.
13 He was with David at Pas-dammim when Philistines gathered there for battle, in a field full of barley; the people fled from the Philistines, Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee.
14 but they stood their ground in the middle of the field, defended it, and struck down the Philistines; our Father saved them with a great victory. Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.
15 Three of the thirty top warriors went down to David at the rock by Adullam's cave, while a Philistine unit camped in the Rephaim Valley. Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ.
16 At that time David was in the stronghold, and a Philistine garrison was at Bethlehem. Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem.
17 David craved water: "If only someone would get me a drink from Bethlehem's well by the gate!" Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.”
18 The three broke through the Philistine camp, drew water from Bethlehem's well by the gate, and brought it to David. But he wouldn't drink it—he poured it out to our Father. Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu Awurade anim
19 He said, "May my Father forbid it! Should I drink the blood of men who put their lives at risk? They brought it by risking their lives." So he refused to drink it. These were the deeds of the three warriors. teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi. Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.” Enti Dawid annom. Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.
20 Abishai the brother of Joab was chief of the Thirty. He used his spear to kill 300 men, and he made a name for himself among the Three. Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no.
21 Most honored of the Thirty, he became their commander—yet not one of the Three. Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
22 Benaiah son of Jehoiada, a valiant man from Kabzeel, did great deeds: he struck down two of Moab's mightiest, and went down into a pit on a snowy day and killed a lion. Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no.
23 He also killed an Egyptian, a man of great size, about seven and a half feet tall, who had a spear like a weaver's beam. Benaiah went at him with a club, tore the spear from the Egyptian's hand, and killed him with his own spear. Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no.
24 These were Benaiah son of Jehoiada's deeds; he gained a name among the three mighty men. Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
25 He was honored above the Thirty, but not among the Three. David put him in charge of his own guard. Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.
26 The mighty warriors were: Asahel the brother of Joab, Elhanan son of Dodo of Bethlehem, Nnipa a na wɔka Dawid dɔmmarima no ho ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo babarima Elhanan a ofi Betlehem;
27 Shammoth the Harorite, Helez the Pelonite, Samot a ofi Harori; Heles a ofi Pelon;
28 Ira son of Ikkesh of Tekoa, Abiezer of Anathoth, Ikes babarima Ira a ofi Tekoa; Abieser a ofi Anatot;
29 Sibbecai the Hushathite, Ilai the Ahohite, Sibekai a ofi Husa; Salmon a ofi Ahoa;
30 Maharai of Netophah, Heled son of Baanah of Netophah, Maharai a ofi Netofa; Baana a ofi Netofa babarima Heled;
31 Ithai son of Ribai of Gibeah of the Benjaminites, Benaiah of Pirathon, Ribai a ofi Gibea babarima Itai (wofi Benyamin abusuakuw mu); Benaia a ofi Piraton;
32 Hurai of the brooks of Gaash, Abiel the Arbathite, Hurai a ofi baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas; Abiel a ofi Araba.
33 Azmaveth of Baharum, Eliahba the Shaalbonite, Asmawet a ofi Baharum; Eliahba a ofi Saalbon.
34 the sons of Hashem the Gizonite, Jonathan son of Shagee the Hararite, Hasem mmabarima a wofi Gison; Sage babarima Yonatan a ofi Harar.
35 Ahiam son of Sachar the Hararite, Eliphal son of Ur, Sakar babarima Ahiam a ofi Harar; Ur babarima Elifar.
36 Hepher the Mecherathite, Ahijah the Pelonite, Hefer a ofi Mekera; Ahiya a ofi Pelon.
37 Hezro of Carmel, Naarai son of Ezbai, Hesro a ofi Karmel; Esbai babarima Naarai.
38 Joel the brother of Nathan, Mibhar son of Hagri, Natan nuabarima Yoel; Hagri babarima Mibhar.
39 Zelek the Ammonite, Naharai of Beeroth, the armor-bearer of Joab son of Zeruiah, Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodekurafo);
40 Ira the Ithrite, Gareb the Ithrite, Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
41 Uriah the Hittite, Zabad son of Ahlai, Hetini Uria; Ahlai babarima Sabad;
42 Adina son of Shiza the Reubenite, a leader of the Reubenites, and thirty with him, Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfo ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;
43 Hanan son of Maacah, Joshaphat the Mithnite, Maaka babarima Hanan; Yosafat a ofi Mitna;
44 Uzzia the Ashterathite, Shama and Jeiel the sons of Hotham the Aroerite, Usia a ofi Astera; Hotam a ofi Aroer mmabarima Sama ne Yeiel;
45 Jediael son of Shimri, and Joha his brother, the Tizite, Simri babarima Yediael; Yoha ne nuabarima a ofi Tis;
46 Eliel the Mahavite, Jeribai and Joshaviah the sons of Elnaam, Ithmah the Moabite, Eliel a ofi Mahawi; Elnaam mmabarima Yeribai ne Yosawia; Yitma a ofi Moab;
47 Eliel, Obed, and Jaasiel the Mezobaite. Eliel ne Obed; Yaasiel a ofi Soba.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]